Dwom 51:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hohoro me ho koraa fi me mfomso ho,+Na tew me ho fi me bɔne ho.+ Dwom 73:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ampa matew me komam kwa,+Na mahohoro me nsa bemdi mu kwa.+ Yesaia 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Monhohoro mo ho,+ montew mo ho,+ munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim,+ na munnyae bɔneyɛ.+ Mateo 27:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Bere a Pilato hui sɛ adepa biara amfi mu amma na mmom basabasa rebesi no, ɔfaa nsu+ de hohoroo ne nsa wɔ nnipakuw no anim kae sɛ: “Minni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ nea mobɛyɛ.”
24 Bere a Pilato hui sɛ adepa biara amfi mu amma na mmom basabasa rebesi no, ɔfaa nsu+ de hohoroo ne nsa wɔ nnipakuw no anim kae sɛ: “Minni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ nea mobɛyɛ.”