Mmebusɛm 16:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔde adɔe ne nokware na ɛpata mfomso,+ na Yehowa suro na ɛma onipa dan fi bɔne ho.+ Hosea 9:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “Wɔn nnebɔne nyinaa sii wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na na ɛsɛ sɛ metan wɔn.+ Wɔn amumɔyɛ nti mɛpam wɔn afi me fie.+ Na merenkɔ so nnɔ wɔn bio.+ Hwɛ, wɔn abirɛmpɔn nyinaa asinsen wɔn kɔn.+ Malaki 2:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Okyi awaregyae+ ne nea ɔde amimdi kata n’atade so,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na waka. Afei asafo Yehowa aka sɛ: “Monhwɛ mo honhom yiye, na munntwa nkontompo.+ Romafo 12:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mommma nyaatwom+ mmma mo dɔ+ mu. Munkyi bɔne,+ mommata papa ho.+ Hebrifo 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa+ wo sen wo mfɛfo+ no.”
15 “Wɔn nnebɔne nyinaa sii wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na na ɛsɛ sɛ metan wɔn.+ Wɔn amumɔyɛ nti mɛpam wɔn afi me fie.+ Na merenkɔ so nnɔ wɔn bio.+ Hwɛ, wɔn abirɛmpɔn nyinaa asinsen wɔn kɔn.+
16 Okyi awaregyae+ ne nea ɔde amimdi kata n’atade so,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na waka. Afei asafo Yehowa aka sɛ: “Monhwɛ mo honhom yiye, na munntwa nkontompo.+
9 Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa+ wo sen wo mfɛfo+ no.”