Genesis 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Hwɛ, dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya fi asase so reteɛm frɛ me.+ Genesis 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Obiara a ɔka onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya agu,+ efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Dwom 55:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+Mogyapɛfo ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+Na me de, mede me ho bɛto wo so.+ Yesaia 26:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Hwɛ, Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwiegu+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+
6 Obiara a ɔka onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya agu,+ efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.
23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+Mogyapɛfo ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+Na me de, mede me ho bɛto wo so.+
21 Hwɛ, Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwiegu+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+