Leviticus 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “‘Sɛ ɛba sɛ odi fɔ wɔ asɛm yi mu biara ho a, ɔnka ne bɔne.+ 2 Samuel 12:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɛnna Dawid ka+ kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+ 2 Beresosɛm 30:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Bio nso Hesekia ne Lewifo a wɔde adwempa resom Yehowa+ no nyinaa kasae akomatɔyam+ so. Wodii afahyɛ no nnanson,+ na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre,+ na wɔkaa wɔn bɔne+ kyerɛɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no. Dwom 38:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Mekaa me mfomso;+Na me bɔne dan me adwennwen.+ Dwom 41:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Me de, mekae sɛ: “O Yehowa, hu me mmɔbɔ.+Sa me kra yare, na mayɛ wo bɔne.”+ Mateo 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 na ɔbɔɔ nkurɔfo asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne pefee.
13 Ɛnna Dawid ka+ kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+
22 Bio nso Hesekia ne Lewifo a wɔde adwempa resom Yehowa+ no nyinaa kasae akomatɔyam+ so. Wodii afahyɛ no nnanson,+ na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre,+ na wɔkaa wɔn bɔne+ kyerɛɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no.