Dwom 34:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye;+Anigye ne ɔbarima a oguan toa no.+ Mmebusɛm 16:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye;+ anigye ne nea ɔde ne ho to Yehowa so.+ Yeremia 17:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so na ɔde Yehowa yɛ n’anidaso.+