5 Na Ɔhene Dawid bae ara beduu Bahurim,+ na hwɛ! ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei,+ Gera ba no, fii adi fi hɔ bae; ɔreba no nyinaa, na ɔredome no ba.+
9 Saa da no bere a Haman fii adi no, na n’ani agye+ ma ne koma atɔ ne yam. Nanso bere a ohuu Mordekai wɔ ɔhene pon ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ Haman bo fuwii.+