Leviticus 19:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “‘Nkyinkyin nsɛe wo yɔnko din.+ Na nhwehwɛ wo yɔnko mogya.+ Mene Yehowa. Mmebusɛm 11:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea ɔnenam sɛe nkurɔfo din+ no yi atirimsɛm adi,+ na nea ɔyɛ ɔnokwafo* no kata asɛm so.+ Mmebusɛm 25:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Asɛm a ɛwɔ wo ne wo yɔnko ntam+ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi,+ Mmebusɛm 25:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Atifi mframa wo osutɔ;+ na tɛkrɛma a eyi ahintasɛm adi nso wo amunamuna anim.+