Mmebusɛm 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔbea hohwini* anom nsɛm sosɔ sɛ ɛwokyɛm,+ n’ano yɛ dɛ.*+ Mmebusɛm 23:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Aguaman yɛ amoa donkudonku,+ na ɔbea huhuni yɛ abura hihiaa. Ɔsɛnkafo 7:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 nea mihui ni: Nea ɛyɛ nwene sen owu+ ne ɔbea a wayɛ ne ho sɛ atena a wɔde sum afiri na ne koma yɛ asau na ne nsa yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn.+ Nea otumi guan no no yɛ onipa pa, nokware Nyankopɔn ani so, na nea ɔkyere no no yɛ ɔdebɔneyɛfo.+
26 nea mihui ni: Nea ɛyɛ nwene sen owu+ ne ɔbea a wayɛ ne ho sɛ atena a wɔde sum afiri na ne koma yɛ asau na ne nsa yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn.+ Nea otumi guan no no yɛ onipa pa, nokware Nyankopɔn ani so, na nea ɔkyere no no yɛ ɔdebɔneyɛfo.+