Mmebusɛm 13:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Nea ɔkora n’abaa tan ne ba,+ na nea ɔdɔ no no, ɔhwɛ teɛ no so.+ Mmebusɛm 19:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba;+ mma ne wu nnyɛ wo akɔnnɔ.+ Mmebusɛm 23:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Fa abaa hwe no, na woagye ne kra afi Adamoa* mu.+ Mmebusɛm 29:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Abaa ne ɔkasakyerɛ na ɛma nyansa,+ na ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwu.+ Hebrifo 12:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wɔn fam no, na wɔtwe yɛn aso nna kakraa bi sɛnea wɔte nka sɛ eye,+ na ɔno de, yɛn yiyedi nti na ɔyɛ saa, na yɛanya ne kronkronyɛ+ no bi.
10 Wɔn fam no, na wɔtwe yɛn aso nna kakraa bi sɛnea wɔte nka sɛ eye,+ na ɔno de, yɛn yiyedi nti na ɔyɛ saa, na yɛanya ne kronkronyɛ+ no bi.