18 Na n’asomfo no mu biako bɛkae sɛ: “Hwɛ! Mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ yiye;+ ɔyɛ ɔbarima kokodurufo a ne ho yɛ den+ ne ɔkofo,+ onim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+
23 Nna no mu no, na Ahitofel afotu te sɛ nea obi akɔ nokware Nyankopɔn nkyɛn akobisa biribi. Saa na na Ahitofel+ afotu+ nyinaa te ma Dawid ne Absalom nyinaa.
14 Ná ɔyɛ kɔbere dwumfo+ a ɔwɔ nyansa ne ntease+ ne nimdeɛ a ɔde yɛ kɔbere ho adwuma biara; ne maame yɛ Naftali abusuakuw mu kunafo, na ne papa yɛ Tironi.+ Ɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn bɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa maa no.