Mmebusɛm 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no nya animguase,+ na nea ɔkasa kyerɛ ɔbɔnefo no—asɛm ba ne ho.+ Mmebusɛm 26:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mma ɔkwasea mmuae sɛnea ne nkwaseasɛm te, na woanyɛ sɛ ɔno.+ Yesaia 36:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nanso wɔyɛɛ komm na wɔanka asɛm biara,+ efisɛ na ɔhene aka sɛ: “Mummmua no.”+ Asomafo Nnwuma 13:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Enti, Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: “Ná ɛho hia sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kan.+ Nanso esiane sɛ mupia to nkyɛn+ na mummu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredan akɔ amanaman no nkyɛn.+
46 Enti, Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: “Ná ɛho hia sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kan.+ Nanso esiane sɛ mupia to nkyɛn+ na mummu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredan akɔ amanaman no nkyɛn.+