Mmebusɛm 26:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Woahu onipa a ɔyɛ onyansafo n’ankasa ani so?+ Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea+ sen no. Yesaia 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Wɔn a wɔyɛ anyansafo wɔ wɔn ankasa ani so, na wobu wɔn ho nhumufo no nnue!+ Romafo 12:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, munnya saa mma afoforo;+ munnnwinnwen nneɛma akɛse ho,+ na mmom munni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafo.+
16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, munnya saa mma afoforo;+ munnnwinnwen nneɛma akɛse ho,+ na mmom munni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafo.+