Mmebusɛm 11:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛ akwankyerɛ pa nni hɔ a, ɔman hwe ase,+ na agyinatufo dodow mu na nkwagye wɔ.+ Mmebusɛm 13:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Onipa ahantan de aperepere na ɛba,+ na wɔn a wɔbom tu agyina na nyansa ne wɔn te.+ Mmebusɛm 15:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa,+ na agyinatufo dodow mu na ebegyina.+ Asomafo Nnwuma 15:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na asomafo no ne mpanyimfo no hyiae sɛ wɔrebɛhwɛ asɛm yi aka.+