1 Samuel 16:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ,+ efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa,+ na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+ Mmebusɛm 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+ Mmebusɛm 17:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔnanfo kuku wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika,+ na Yehowa na ɔhwehwɛ koma mu.+ Mmebusɛm 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari koma.+
7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ,+ efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa,+ na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+