Dwom 9:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nnebɔneyɛfo+ bɛsan akɔ Adamoa* mu,+Aman a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa.+ Dwom 73:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ampa nea ɛhɔ yɛ toro na wode wɔn agyina.+Woama wɔahwehwe ase asɛe pasaa.+ Mmebusɛm 10:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔtreneeni nkae bɛyɛ nhyira,+ na abɔnefo din de, ɛbɛporɔw.+ Yesaia 3:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔbɔnefo nnue! Mmusu di n’akyi; na nea ɔyɛe no ara bi na wɔde bɛyɛ no!+