Mmebusɛm 19:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔba kwasea ma ne papa hu amane,+ na ɔyere gyigyefo te sɛ ɔdan a enwini na ɛpam onipa.+ Mmebusɛm 21:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Eye sɛ obi bɛtena sare so sen sɛ ɔne ɔyere gyigyefo a ɔhyɛ abufuw bɛtena.+ Mmebusɛm 27:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔyere gyigyefo te sɛ ɔdan a enwini na ɛpam onipa osutɔ da.+