Hiob 28:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔrentumi mfa sika amapa nsesã,+Na wɔrentumi nkari dwetɛ ntua ka. Mmebusɛm 8:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ, ne nimdeɛ, na ɛnyɛ sika amapa.+ Mmebusɛm 16:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nyansa nya de, O hwɛ sɛnea eye sen sika!+ Na ntease, sɛ wɔpaw a, eye sen dwetɛ.+