Mmebusɛm 5:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 na woamfa w’anuonyam amma ebinom,+ na woamfa wo mfe ansesa amanehunu;+ Mmebusɛm 6:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 efisɛ nea odi ɔbea aguaman akyi no, ɛbɛka no paanoo sin;+ obi yere nso kyin hwehwɛ ɔkra+ a ne bo yɛ den. Luka 15:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Akyiri yi, nna kakraa bi twaam no, ɔba kumaa no boaboaa nneɛma nyinaa ano na otuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na okobuu ahohwibra de sɛee n’agyapade no nyinaa.+
26 efisɛ nea odi ɔbea aguaman akyi no, ɛbɛka no paanoo sin;+ obi yere nso kyin hwehwɛ ɔkra+ a ne bo yɛ den.
13 Akyiri yi, nna kakraa bi twaam no, ɔba kumaa no boaboaa nneɛma nyinaa ano na otuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na okobuu ahohwibra de sɛee n’agyapade no nyinaa.+