Mmebusɛm 16:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Amumɔyɛsɛm ne ahene akyide,+ na trenee mu na ahengua tim.+ Mmebusɛm 25:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ma wonyi nnebɔneyɛfo mfi ɔhene anim,+ na n’ahengua betim trenee mu.+ Yesaia 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+ Hebrifo 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nanso ɔka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahengua daa+ daa, na w’ahempoma+ yɛ teeyɛ poma.+
7 N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+