Mmebusɛm 19:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Asetena pa mfata ɔkwasea.+ Sɛ́ akoa bedi mpanyimfo so+ de, enye koraa! Ɔsɛnkafo 10:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so bere a adehye nenam fam te sɛ nkoa.+ Yesaia 3:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na mɛma mmarimaa ayɛ wɔn so atumfoɔ na akakabensɛm adi wɔn so.+