Dwom 91:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Esiane sɛ woaka sɛ: “Yehowa ne me guankɔbea,”+Na Ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea+ nti, Mmebusɛm 10:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Yehowa kwan yɛ abannennen ma ɔtreneeni,+ na ɔsɛe wɔ hɔ ma abɔnefo.+ Mmebusɛm 14:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Nea osuro Yehowa no ahotoso yɛ kɛse,+ na ne mma benya guankɔbea.+ Mmebusɛm 28:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Nnebɔneyɛfo guan bere a obiara mpam wɔn,+ na treneefo de, wɔte sɛ gyataforo a ɔwɔ akokoduru.+