Mmebusɛm 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa suro ne nyansa mfiase,+ na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne ntease.+ Ɔsɛnkafo 7:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no;+ nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.+ Ɔsɛnkafo 8:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Hena na ɔte sɛ onyansafo?+ Na hena na onim biribi ase kyerɛ?+ Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim muna dan animtew.+ Kolosefo 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔno mu na wɔakora ademude nyinaa, nyansa de ne nimdeɛ de.+
12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no;+ nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.+
8 Hena na ɔte sɛ onyansafo?+ Na hena na onim biribi ase kyerɛ?+ Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim muna dan animtew.+