Mmebusɛm 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 na woanka sɛ: “Ao, hwɛ sɛnea metan nteɛso+ na me koma buu ɔkasakyerɛ animtiaa!+ Mmebusɛm 12:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔkwasea akwan teɛ n’ani so,+ na nea otie afotu no yɛ onyansafo.+ Mmebusɛm 18:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɔkwasea mfa nhumu nyɛ hwee,+ na mmom ne koma na oyi no adi.+ Romafo 1:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Na wɔampɛ sɛ wohu Onyankopɔn wɔ nokware nimdeɛ mu,+ enti Onyankopɔn gyaw wɔn maa adwene a ɛnteɛ+ sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛnsɛ,+
28 Na wɔampɛ sɛ wohu Onyankopɔn wɔ nokware nimdeɛ mu,+ enti Onyankopɔn gyaw wɔn maa adwene a ɛnteɛ+ sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛnsɛ,+