Mmebusɛm 10:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ohia behia nea ɔde anihaw nsa yɛ adwuma,+ na nsiyɛfo nsa na ɛbɛma onipa adi yiye.+ Mmebusɛm 13:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔkwadwofo kɔn dɔ, nanso ne kra nnya hwee.+ Na nsiyɛfo kra de, ɛbɛdɔ srade.+ Mmebusɛm 18:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nea ɔnteɛ ne ho nyɛ adwuma+ nso—ne nua ne ɔdesɛefo.+ Mmebusɛm 20:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Awɔw nti ɔkwadwofo nnɔw;+ ɔbɛsrɛsrɛ ade otwabere, nanso ɔrennya hwee.+