Genesis 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Hwɛ, dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya fi asase so reteɛm frɛ me.+ Genesis 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Obiara a ɔka onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya agu,+ efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Numeri 35:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Owudifo a ɛsɛ sɛ owu+ de, mommfa biribiara nnnye ne kra. Twa ara na etwa sɛ mukum no.+ Deuteronomium 27:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “‘Nnome nka nea ogye adanmude kum ɔkra a onni fɔ.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
6 Obiara a ɔka onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya agu,+ efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.