21 Na Saul kae sɛ: “Mede no bɛma no, na ayɛ no afiri,+ na Filistifo de wɔn nsa aka no.” Enti Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede mmea yi mu nea ɔto so abien no bɛma wo na woabɛyɛ m’ase nnɛ.”
27 Bere a Abner san baa Hebron+ no, Yoab de no kɔɔ nkyɛn, kurow pon no mu sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no kokoam.+ Nanso ɔde peaw wɔɔ ne yam+ wɔ hɔ ma owui, ne nua Asahel+ mogya nti.
20 Na wɔhwɛɛ no dinn no, wɔsomaa mmarima bɔɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ nea wɔteɛ, na ama wɔafa nsɛm a ɔka so anya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado nsa.+