2 Samuel 17:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamansew,+ na ɔsɛn+ ne ho wui.+ Na wosiee+ no wɔ n’agyanom amusiei. Ester 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua+ a ɔyɛ maa Mordekai+ no so na ɔhene no bo dwoe. Dwom 9:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Amanaman no atɔ amoa a wɔatu mu;+Asau+ a wɔde hintawee no, ayi wɔn ankasa nan.+ Mmebusɛm 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ na ebeyi no,+ na n’ankasa bɔne nhama na ɛbɛkyekyere no.+
23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamansew,+ na ɔsɛn+ ne ho wui.+ Na wosiee+ no wɔ n’agyanom amusiei.