11 Ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ nkurow ahorow mu no kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano+ na wɔmpere wɔn kra, na wonkunkum nnipa+ a wɔwɔ amantam no mu a wɔde wɔn ani asi wɔn so no nyinaa, mmofra ne mmea, wɔntɔre wɔn nyinaa ase na wɔmfa wɔn agyapade.+
27 Na amantam asoafo, atitiriw ne amradofo ne ɔhene mpanyimfo+ a wɔahyia no hwɛɛ mmarima yi, na wohui sɛ ogya no annya wɔn nipadua so tumi,+ na wɔn ti so nhwi+ ho anka, na wɔn ntwontwo mpo ansakra, na ogya no hua nso annye wɔn ho.
23 Ɛnna ɔhene ani gyei kɛse,+ na ɔkae sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu. Bere a woyii Daniel fii amoa no mu bae no, wɔanhu sɛ ne ho atĩ ketewa bi mpo efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.+