1 Samuel 25:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Dawid tee sɛ Nabal awu, na ɔkae sɛ: “Nhyira nka Yehowa a wadi m’asɛm+ ayi m’ahohora+ na wayi me afi Nabal nsam na wamma n’akoa anyɛ bɔne,+ na Yehowa ama Nabal bɔne adan agu n’atifi!”+ Na Dawid somae sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware+ no. Mmebusɛm 31:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Osoowa yɛ nnaadaa+ na ahoɔfɛ yɛ ahuhude;+ ɔbea a osuro Yehowa na woyi no ayɛ.+ 1 Timoteo 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Saa ara nso na mepɛ sɛ mmea de fɛre+ ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse+ mu, 1 Petro 3:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw,+ honhom a ɛyɛ komm na edwo,+ atade a ɛmporɔw;+ eyi na ɛsom bo Onyankopɔn anim.
39 Dawid tee sɛ Nabal awu, na ɔkae sɛ: “Nhyira nka Yehowa a wadi m’asɛm+ ayi m’ahohora+ na wayi me afi Nabal nsam na wamma n’akoa anyɛ bɔne,+ na Yehowa ama Nabal bɔne adan agu n’atifi!”+ Na Dawid somae sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware+ no.
9 Saa ara nso na mepɛ sɛ mmea de fɛre+ ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse+ mu,
4 na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw,+ honhom a ɛyɛ komm na edwo,+ atade a ɛmporɔw;+ eyi na ɛsom bo Onyankopɔn anim.