Mmebusɛm 10:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mfomso mpa ɔkasa dodow mu,+ na nea osianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.+ Mmebusɛm 12:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ano mfomso yɛ afiri ma ɔbɔnefo,+ na ɔtreneeni befi ahohia mu.+ Mmebusɛm 18:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔkwasea ano na ɛsɛe no,+ na n’anom asɛm sum ne kra afiri.+ Mateo 12:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Mise mo sɛ asɛm biara a mfaso nni so a nnipa ka no, wobebu ho akontaa+ Atemmu Da no; Yakobo 1:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo+ nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka,+ na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma+ a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.+ Yakobo 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛno na yɛde hyira Yehowa,+ Agya no,+ na ɛno ara nso na yɛde dome+ nnipa a wɔayɛ wɔn “Onyankopɔn sɛso” no.+ Yuda 16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Saa nnipa yi yɛ anwiinwiifo,+ wɔn a nea wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani, wɔnantew wɔn ankasa akɔnnɔ mu,+ na wɔn ano ka akokurokosɛm,+ bere a wɔhoahoa nnipa+ de pɛ wɔn ankasa mfaso.
26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo+ nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka,+ na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma+ a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.+
9 Ɛno na yɛde hyira Yehowa,+ Agya no,+ na ɛno ara nso na yɛde dome+ nnipa a wɔayɛ wɔn “Onyankopɔn sɛso” no.+
16 Saa nnipa yi yɛ anwiinwiifo,+ wɔn a nea wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani, wɔnantew wɔn ankasa akɔnnɔ mu,+ na wɔn ano ka akokurokosɛm,+ bere a wɔhoahoa nnipa+ de pɛ wɔn ankasa mfaso.