Dwom 111:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa suro ne nyansa mfiase.+ ש [Sin]Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyi tim hɔ daa.+ Efesofo 5:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monkɔ so nhu+ Yehowa apɛde.+
10 Yehowa suro ne nyansa mfiase.+ ש [Sin]Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyi tim hɔ daa.+