Hiob 29:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ná wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu,+Na wobuee wɔn anom maa osutɔ.+ Dwom 72:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔatwa so so,+Ɔbɛba sɛ obosu pii a ɛfɔw asase.+ Mmebusɛm 19:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata a ɔbobom,+ na n’anim dom te sɛ wura so bosu.+ Hosea 6:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Yebehu Yehowa, yɛbɛhwehwɛ no ahu no.+ Obefi adi; eyi si pi+ te sɛ adekyee.+ Ɔbɛba ama yɛn te sɛ osu a ɛretɔ,+ te sɛ adonsu a ɛfɔw asase.”+
3 Yebehu Yehowa, yɛbɛhwehwɛ no ahu no.+ Obefi adi; eyi si pi+ te sɛ adekyee.+ Ɔbɛba ama yɛn te sɛ osu a ɛretɔ,+ te sɛ adonsu a ɛfɔw asase.”+