3Na ɔwɔ+ yɛ anifere+ sen wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa.+ Enti obisaa ɔbea no sɛ:+ “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?”+
17 Afei anuanom, mitu mo fo sɛ monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wɔde mpaapaemu+ ne hintiduato ba a ɛne nkyerɛkyerɛ+ a moasua no nhyia no ho, na montwe mo ho mfi wɔn ho.+
20 Na misuro sɛ, sɛ meba+ a, ebia meremmɛto mo sɛnea mepɛ, na me nso morenhu me sɛnea mopɛ, na mmom nea ebia ɛrekɔ so ne ntawntawdi, ahoɔyaw,+ abufuw, mansotwe, anoɔyaw, nsekudi, ahomaso, sakasakayɛ.+