11 Ná eyinom wɔ adwempa sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara na wɔhwehwɛ+ Kyerɛwnsɛm+ no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.+
16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so nyansa+ nyinaa mu. Monkɔ so mfa nnwom,+ ayeyi, ne honhom mu nnwom+ a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ+ mo ho mfa ntutu mo ho fo, na monto nnwom mo koma mu mma Yehowa.+