Mmebusɛm 15:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Yehowa suro yɛ nteɛso a ɛma nyansa,+ na ahobrɛase di anuonyam anim.+ Mmebusɛm 22:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ahobrɛase ne Yehowa suro—ɛde ahonya ne anuonyam ne nkwa na ɛba.+ Mmebusɛm 29:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔdesani ahantan na ɛbɛbrɛ no ase,+ na nea ne honhom dwo no benya anuonyam.+ Luka 14:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”+ 1 Petro 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+