Genesis 24:67 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 67 Afei Isak de no baa ne maame Sara ntamadan mu.+ Enti ɔfaa Rebeka na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Ná Isak dɔ+ no, na ɛma onyaa awerɛkyekye wɔ ne maame wu akyi.+ Mmebusɛm 12:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔyere pa yɛ ne kunu abotiri,+ na nea ɔyɛ aniwude de, ɔyɛ ne kunu nnompe mu porɔwee.+ Mmebusɛm 31:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɔyere pa, hena na obenya?+ Ne bo yɛ den sen nhene pa koraa. Ɔsɛnkafo 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wo ne wo yere a wodɔ no ani nnye,+ wo nkwa nna huhuw a Onyankopɔn de ama wo owia ase, w’ahuhude nna nyinaa mu, efisɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu+ ne wo brɛ a wobrɛ owia ase no nyinaa mu. 1 Korintofo 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 nanso esiane sɛ aguamammɔ+ abu so nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere,+ na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.
67 Afei Isak de no baa ne maame Sara ntamadan mu.+ Enti ɔfaa Rebeka na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Ná Isak dɔ+ no, na ɛma onyaa awerɛkyekye wɔ ne maame wu akyi.+
9 Wo ne wo yere a wodɔ no ani nnye,+ wo nkwa nna huhuw a Onyankopɔn de ama wo owia ase, w’ahuhude nna nyinaa mu, efisɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu+ ne wo brɛ a wobrɛ owia ase no nyinaa mu.
2 nanso esiane sɛ aguamammɔ+ abu so nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere,+ na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.