5 Nanso sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no anaa ntam a waka de atua ne ho biribi no na da no wampene so a, ɛrennyina, na Yehowa de befiri no, efisɛ ne papa ampene so.+
24 Saa da no, na Israel mmarima abrɛ, nanso Saul kaa ntam+ guu ɔman no so sɛ: “Ɔbarima a wantwɛn kosi sɛ mɛtɔ m’atamfo so were na obedidi ansa na onwini adwo no, nnome nka no!”+ Na ɔmanfo no mu biara amfa aduan anka n’ano.+