Mmebusɛm 10:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mfomso mpa ɔkasa dodow mu,+ na nea osianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.+ Mmebusɛm 15:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Anyansafo tɛkrɛma de nimdeɛ yɛ adepa,+ na nkwasea ano woro nkwaseasɛm.+ Ɔsɛnkafo 10:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɔkwasea anom nsɛm dɔɔso.+ Obi nnim ɔkyena asɛm; nea ɛbɛba wɔ n’akyi nso, hena na obetumi akyerɛ?+