Mmebusɛm 17:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔbɔnefo begye adanmude kokoam*+ de adan atemmu ani.+ Mmebusɛm 31:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 na wannom amma ne werɛ amfi nea wɔahyɛ ato hɔ, na wankyea mmɔborɔni biara atemmu.+ Ɔsɛnkafo 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na masan ahu owia ase sɛ wodi amumɔyɛsɛm wɔ baabi a wobu atɛn ne baabi a ɛsɛ sɛ wodi asɛntrenee.+ Yakobo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+
4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+