Mmebusɛm 1:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Saa na obiara a ɔpɛ mfaso bɔne+ no akwan te. Ɛma wɔn kra fi wɔn nsa.+ Mmebusɛm 11:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame ade, nanso hia ara na ehia no.+ Mmebusɛm 11:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no—ɔno na ɔbɛhwe ase;+ na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahaban momono.+ Luka 12:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam no te.”+ Yakobo 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Mo sika ne dwetɛ awe nkannare asɛe, na nkannare no bɛyɛ adanse atia mo na ebedi mo nam. Biribi a ɛte sɛ ogya+ na moakora so+ wɔ nna a edi akyiri no mu.+
28 Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no—ɔno na ɔbɛhwe ase;+ na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahaban momono.+
3 Mo sika ne dwetɛ awe nkannare asɛe, na nkannare no bɛyɛ adanse atia mo na ebedi mo nam. Biribi a ɛte sɛ ogya+ na moakora so+ wɔ nna a edi akyiri no mu.+