1 Ahene 4:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ná Yuda ne Israel dɔɔso, wɔn dodow te sɛ mpoano anhwea;+ wodidi nomee, na wodii ahurusi.+ Ɔsɛnkafo 2:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.+ Eyi nso mahu, na minim sɛ efi Onyankopɔn nsam.+ Ɔsɛnkafo 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 ne sɛ onipa biara bedidi na wanom na wahu adepa, ne brɛ nyinaa mu.+ Onyankopɔn akyɛde ne no.+ Ɔsɛnkafo 3:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Mahu sɛ adepa biara nni hɔ sɛ onipa begye n’ani n’adwuma ho,+ efisɛ ɛno ne ne kyɛfa; anyɛ saa a, hena na ɔde no bɛba abɛhwɛ nea ɛresi wɔ n’akyi?+ Yesaia 65:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.+
24 Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.+ Eyi nso mahu, na minim sɛ efi Onyankopɔn nsam.+
22 Mahu sɛ adepa biara nni hɔ sɛ onipa begye n’ani n’adwuma ho,+ efisɛ ɛno ne ne kyɛfa; anyɛ saa a, hena na ɔde no bɛba abɛhwɛ nea ɛresi wɔ n’akyi?+
22 Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.+