Hiob 30:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Me de, minim sɛ owu mu na wobɛsan de me akɔ,+Ne ofie a ateasefo nyinaa hyia mu. Ɔsɛnkafo 3:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Wɔn nyinaa kɔ faako.+ Wɔn nyinaa fi dɔte mu,+ na wɔn nyinaa san kɔ dɔte mu.+ Hesekiel 18:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛnea agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na obewu.+ Romafo 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛno nti ɛnam onipa biako+ so na bɔne baa wiase, na owu+ nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ+ bɔne.
4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me.+ Sɛnea agya kra+ wɔ me no, saa ara na ɔba kra wɔ me.+ Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,+ ɔno ara na obewu.+
12 Ɛno nti ɛnam onipa biako+ so na bɔne baa wiase, na owu+ nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ+ bɔne.