Mmebusɛm 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔserew mu mpo, koma di yaw,+ na ahurusidi wie awerɛhow.+ Yesaia 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sanku ne sankuten, mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsã wɔ wɔn apontow ase;+ nanso Yehowa nneyɛe de, wɔnhaw wɔn ho wɔ ho, ne nsa ano adwuma nso, wonhui.+ Mateo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “Anigye ne wɔn a wodi awerɛhow, efisɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.+ Yakobo 4:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mo ho nhia mo na munni awerɛhow na munsu.+ Mo serew nnan awerɛhow na mo anigye nnan abooboodi.+ 1 Petro 4:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na bere+ a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ+ de mo ho hyɛɛ ahohwibra,+ akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe,+ anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+
12 Sanku ne sankuten, mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsã wɔ wɔn apontow ase;+ nanso Yehowa nneyɛe de, wɔnhaw wɔn ho wɔ ho, ne nsa ano adwuma nso, wonhui.+
3 Na bere+ a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ+ de mo ho hyɛɛ ahohwibra,+ akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe,+ anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+