19 Adesamma awiei wɔ hɔ, ɛnna mmoa nso awiei wɔ hɔ, na wɔn nyinaa awiei yɛ biako.+ Sɛnea oyi wu te no, saa na oyi nso wu te;+ na wɔn nyinaa wɔ honhom+ biako, ma enti onipa nkyɛn aboa, na ade nyinaa yɛ ahuhude.
2 Nnipa nyinaa yɛ pɛ, na ade koro na wɔn nyinaa wɔ.+ Awiei koro+ na ɛda hɔ ma ɔtreneeni+ ne ɔdebɔneyɛfo,+ onipa pa ne ɔhotefo ne nea ne ho ntew, nea ɔbɔ afɔre ne nea ɔmmɔ afɔre nyinaa. Onipa pa ne ɔdebɔneyɛfo nyinaa yɛ pɛ;+ nea ɔka ntam ne nea osuro ntanka+ nso yɛ pɛ.
11 Mesan hwɛɛ owia ase na mihui sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu,+ na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu,+ na ɛnyɛ anyansafo na wonya aduan,+ na ɛnyɛ nhumufo na wonya ahonyade,+ na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom;+ efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.+