29 Nea ayeforo no wɔ no no, ɔno ne ayeforokunu no.+ Na ayeforokunu no adamfo de, sɛ ogyina hɔ tie na ɔte ayeforokunu no nne a, n’ani gye paa. Enti anigye a mewɔ yi ayɛ mã.+
9 Ɛnna abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to+ no ayɛ no mama no mu biako bae, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra na menkyerɛ wo ayeforo no, Oguammaa no yere+ no.”