Yesaia 28:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na n’anuonyam fɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam+ a wɔde ahyɛ kurow a ɛda asase pa no atifi no bɛyɛ sɛ borɔdɔma a edi kan+ ba ansa na ahohuru bere adu no; sɛ obi hu wɔ ne nsam ara pɛ a ɔbɛmene. Nahum 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 W’abannennen nyinaa te sɛ borɔdɔma aba a adi kan abere, na sɛ wɔwosow a, ɛporow gu odifo anom.+
4 Na n’anuonyam fɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam+ a wɔde ahyɛ kurow a ɛda asase pa no atifi no bɛyɛ sɛ borɔdɔma a edi kan+ ba ansa na ahohuru bere adu no; sɛ obi hu wɔ ne nsam ara pɛ a ɔbɛmene.