9 Na mede biako a aka no bɛfa ogya mu;+ na mɛnan wɔn ayiyi wɔn mu fĩ te sɛ nea wɔnan dwetɛ yiyi mu fĩ no,+ na mɛsɔ wɔn ahwɛ sɛnea wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+ Na wɔbɛbɔ me din na me nso magye wɔn so.+ Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man’+ na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”+
11 “Efi owiapuei kosi owiatɔe, me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhyew afɔrebɔde+ ama me din wɔ baabiara, ayɛyɛde ne akyɛde a ɛho tew,+ efisɛ me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu,”+ Asafo Yehowa na waka.