Yeremia 4:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ! na ɛrewosow, na nkoko nyinaa nso rehinhim.+ Nahum 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɔno nti mmepɔw wosow, na nkoko nan.+ Asase behu n’anim abɔ birim, wiase ne emufo nyinaa.+ Habakuk 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔtew gyinae sɛ ɔbɛwosow asase.+ Ɔhwɛe, na ɔmaa aman ho popoe.+ Na mmepɔw a ɛwɔ hɔ daa dwiriw gui,+ na nkoko a etim hɔ fi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan fi teteete.
6 Ɔtew gyinae sɛ ɔbɛwosow asase.+ Ɔhwɛe, na ɔmaa aman ho popoe.+ Na mmepɔw a ɛwɔ hɔ daa dwiriw gui,+ na nkoko a etim hɔ fi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan fi teteete.