17 Saa da no, m’abufuw bɛdɛw ahyɛ wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adan m’ani afi wɔn so,+ na meyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛe. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+
20 Ɛnna Onyankopɔn honhom+ baa+ ɔsɔfo Yehoiada+ ba Sakaria+ so na ɔforo kogyinaa ɔman no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea nokware Nyankopɔn aka ni, ‘Dɛn nti na mubu Yehowa mmara nsɛm so ma enti ɛrensi mo yiye+ yi? Moagyaw Yehowa, enti ɔno nso begyaw mo.’”+