21 Yehowa bɛsɔre agyina sɛnea ɔyɛe wɔ Bepɔw Perasim+ so no, na ɔbɛwosow ne ho sɛnea ɔyɛe wɔ Gibeon+ asasetaw so no. Ɔbɛyɛ anwonwade bi, na obedi dwuma soronko bi.+
5 “Monhwɛ amanaman no mu, na munhu na montɛɛ mo anom nhwɛ mo ho,+ na mo ho nnwiriw mo, efisɛ obi reyɛ adwuma bi wɔ mo bere so, na sɛ wɔka kyerɛ mo mpo a, morennye nni.+